Adesua yɛ nkwa
Adesua yɛ adepa wɔ ɔman biara mu
Adesua yɛ adeɛ a obi ntumi nye mfiri wo nsam
Asikafoɔ sua adeɛ nya nyansa dodoɔ
Ahiafoɔ sua adeɛ nya sika
Adesua ma yɛhunu papa ne bɔne
Adesua ma yɛte mmara ase di so
Oh! Adesua adwuma nyinaa fapem
Yɛmma yɛani nku adesua ho
Na ɛyɛ animuonyamhyɛ ne agyapadeɛ ma obiara.